Yesaia 62:3
Isaiah 62:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wobɛyɛ animuonyam ahenkyɛ wɔ Awurade nsam, ne adehyeɛ abɔtiten wɔ wo Onyankopɔn nsam.
Isaiah 62:3 in English
Isaiah 62:3 · Berean Standard Bible
You will be a crown of glory in the hand of the LORD, a royal diadem in the palm of your God.
Context
1Sion enti, merenyɛ komm,
Yerusalem enti, merenyɛ dinn,
kɔsi sɛ ne tenenee bɛhyerɛn sɛ adekyeɛ,
na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ ogyatɛn. 2Amanaman no bɛhunu wo tenenee,
na ahemfo nyinaa ahunu wo animuonyam;
wɔbɛfrɛ wo din foforɔ
a Awurade de bɛto wo. 3Wobɛyɛ animuonyam ahenkyɛ wɔ Awurade nsam,
ne adehyeɛ abɔtiten wɔ wo Onyankopɔn nsam. 4Wɔremfrɛ wo atugya bio,
anaa wʼasase sɛ amanfo.
Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn
ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefoɔ
ɛfiri sɛ Awurade ani bɛgye wo ho,
na ɔbɛware wʼasase. 5Sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaawa no,
saa ara na wo mmammarima bɛware wo;
sɛdeɛ ayeforɔkunu ani gye nʼayeforɔ ho no,
saa ara na wo Onyankopɔn ani bɛgye wo ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.