Native Bible

Isaiah 61:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ananafoɔ bɛhwɛ mo nnwankuo; ahɔhoɔ bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuo ne bobeturo mu.

Isaiah 61:5 in English

Isaiah 61:5 · Berean Standard Bible

Strangers will stand and feed your flocks, and foreigners will be your plowmen and vinedressers.

Context

3na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia, na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ nsi nsõ anan mu; anigyeɛ ngo nsi awerɛhoɔdie anan mu, ayɛyie atadeɛ nsi abasamutuo honhom anan mu. Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum deɛ Awurade adua de ada nʼanimuonyam adi. 4Wɔbɛsi tete mmubuiɛ no bio, na wɔasiesie mmeammea a asɛe dadaada no; wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛeɛ no foforɔ deɛ asɛe awoɔ ntoatoasoɔ bebree no. 5Ananafoɔ bɛhwɛ mo nnwankuo; ahɔhoɔ bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuo ne bobeturo mu. 6Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfoɔ, wɔbɛto mo din sɛ yɛn Onyankopɔn asomfoɔ. Amanaman no ahonya no na mobɛdi na wɔn ahodeɛ na mode bɛhoahoa mo ho. 7Wɔn animguaseɛ anan mu me nkurɔfoɔ bɛnya animuonyam mmɔho, na ahohora anan mu wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn adedie mu; ne saa enti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho, na anigyeɛ a ɛnni awieeɛ bɛyɛ wɔn dea.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.