Yesaia 61:6
Isaiah 61:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfoɔ, wɔbɛto mo din sɛ yɛn Onyankopɔn asomfoɔ. Amanaman no ahonya no na mobɛdi na wɔn ahodeɛ na mode bɛhoahoa mo ho.
Isaiah 61:6 in English
Isaiah 61:6 · Berean Standard Bible
But you will be called the priests of the LORD; they will speak of you as ministers of our God; you will feed on the wealth of nations, and you will boast in their riches.
Context
4Wɔbɛsi tete mmubuiɛ no bio,
na wɔasiesie mmeammea a asɛe dadaada no;
wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛeɛ no foforɔ
deɛ asɛe awoɔ ntoatoasoɔ bebree no. 5Ananafoɔ bɛhwɛ mo nnwankuo;
ahɔhoɔ bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuo ne bobeturo mu. 6Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfoɔ,
wɔbɛto mo din sɛ yɛn Onyankopɔn asomfoɔ.
Amanaman no ahonya no na mobɛdi
na wɔn ahodeɛ na mode bɛhoahoa mo ho. 7Wɔn animguaseɛ anan mu
me nkurɔfoɔ bɛnya animuonyam mmɔho,
na ahohora anan mu
wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn adedie mu;
ne saa enti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho,
na anigyeɛ a ɛnni awieeɛ bɛyɛ wɔn dea. 8“Na me Awurade, mepɛ atɛntenenee.
Mekyiri korɔno ne nnebɔne.
Me nokorɛ mu, mɛbɔ wɔn aba so
na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.