Yesaia 55:4
Isaiah 55:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no, wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene.
Isaiah 55:4 in English
Isaiah 55:4 · Berean Standard Bible
Behold, I have made him a witness to the nations, a leader and commander of the peoples.
Context
2Adɛn enti na mosɛe sika wɔ deɛ ɛnyɛ aduane ho
ne mo ahoɔden wɔ deɛ ɛmmee ho?
Montie, montie me na monni deɛ ɛyɛ,
na mo kra ani bɛgye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho. 3Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn;
montie me, na mo kra anya nkwa.
Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa,
me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no. 4Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no,
wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene. 5Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn,
na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn,
Awurade, mo Onyankopɔn enti,
Israel Ɔkronkronni no,
ɛfiri sɛ wahyɛ mo animuonyam.” 6Monhwehwɛ Awurade ɛberɛ a mobɛhunu no.
Momfrɛ no ɛberɛ a ɔbɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.