Native Bible

Isaiah 55:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn; montie me, na mo kra anya nkwa. Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa, me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.

Isaiah 55:3 in English

Isaiah 55:3 · Berean Standard Bible

Incline your ear and come to Me; listen, so that your soul may live. I will make with you an everlasting covenant— My loving devotion promised to David.*

Context

1“Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo no ho; na mo a monni sika, mommra mmɛtɔ na monni! Mommra mmɛtɔ nsã ne nufosuo a monntua hwee. 2Adɛn enti na mosɛe sika wɔ deɛ ɛnyɛ aduane ho ne mo ahoɔden wɔ deɛ ɛmmee ho? Montie, montie me na monni deɛ ɛyɛ, na mo kra ani bɛgye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho. 3Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn; montie me, na mo kra anya nkwa. Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa, me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no. 4Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no, wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene. 5Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn, na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn, Awurade, mo Onyankopɔn enti, Israel Ɔkronkronni no, ɛfiri sɛ wahyɛ mo animuonyam.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.