Native Bible

Isaiah 55:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn, na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn, Awurade, mo Onyankopɔn enti, Israel Ɔkronkronni no, ɛfiri sɛ wahyɛ mo animuonyam.”

Isaiah 55:5 in English

Isaiah 55:5 · Berean Standard Bible

Surely you will summon a nation you do not know, and nations who do not know you will run to you. For the LORD your God, the Holy One of Israel, has bestowed glory on you.”

Context

3Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn; montie me, na mo kra anya nkwa. Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa, me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no. 4Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no, wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene. 5Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn, na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn, Awurade, mo Onyankopɔn enti, Israel Ɔkronkronni no, ɛfiri sɛ wahyɛ mo animuonyam.” 6Monhwehwɛ Awurade ɛberɛ a mobɛhunu no. Momfrɛ no ɛberɛ a ɔbɛn. 7Ma omumuyɛfoɔ ntwe ne ho mfiri nʼakwan ho na ɔbɔnefoɔ nso mfiri ne nsusuiɛ ho. Ma ɔnnane nkɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛhunu no mmɔbɔ, ɔnnane nkɔ yɛn Onyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.