Native Bible

Isaiah 55:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ara na mʼasɛm a ɛfiri mʼanum teɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa. Mmom ɛbɛyɛ deɛ mepɛ na awie botaeɛ a ɛno enti mesomaa no.

Isaiah 55:11 in English

Isaiah 55:11 · Berean Standard Bible

so My word that proceeds from My mouth will not return to Me empty, but it will accomplish what I please, and it will prosper where I send it.

Context

9“Sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na mʼakwan korɔn sene mo akwan, na mʼadwene nso korɔn sene mo adwene. 10Osuo ne sukyerɛmma tɔ firi soro gu fam, na ɛnsane nkɔ hɔ bio gye sɛ afɔ asase ama afifideɛ ɛgu nhwiren, sɛdeɛ ɛbɛso aba ama ogufoɔ na aduane nso aba ama deɛ ɔdie. 11Saa ara na mʼasɛm a ɛfiri mʼanum teɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa. Mmom ɛbɛyɛ deɛ mepɛ na awie botaeɛ a ɛno enti mesomaa no. 12Mode ahosɛpɛ bɛpue na wɔagya mo kwan asomdwoeɛ mu; mmepɔ ne nkokoɔ bɛto nnwom wɔ mo anim, na mfuo so nnua nyinaa bɛbɔ wɔn nsam. 13Nkyɛkyerɛ ananmu, pepeaa bɛfifiri, na nnɛnkyɛnse ananmu, ohwam dua bɛfifiri. Yei bɛyɛ deɛ ɛhyɛ Awurade animuonyam, ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnneɛ, a ɛrentwam da.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.