Yesaia 55:12
Isaiah 55:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mode ahosɛpɛ bɛpue na wɔagya mo kwan asomdwoeɛ mu; mmepɔ ne nkokoɔ bɛto nnwom wɔ mo anim, na mfuo so nnua nyinaa bɛbɔ wɔn nsam.
Isaiah 55:12 in English
Isaiah 55:12 · Berean Standard Bible
You will indeed go out with joy and be led forth in peace; the mountains and hills will burst into song before you, and all the trees of the field will clap their hands.
Context
10Osuo ne sukyerɛmma
tɔ firi soro gu fam,
na ɛnsane nkɔ hɔ bio
gye sɛ afɔ asase
ama afifideɛ ɛgu nhwiren,
sɛdeɛ ɛbɛso aba ama ogufoɔ na aduane nso aba ama deɛ ɔdie. 11Saa ara na mʼasɛm a ɛfiri mʼanum teɛ:
Ɛrensane mma me nkyɛn kwa.
Mmom ɛbɛyɛ deɛ mepɛ
na awie botaeɛ a ɛno enti mesomaa no. 12Mode ahosɛpɛ bɛpue
na wɔagya mo kwan asomdwoeɛ mu;
mmepɔ ne nkokoɔ
bɛto nnwom wɔ mo anim,
na mfuo so nnua nyinaa
bɛbɔ wɔn nsam. 13Nkyɛkyerɛ ananmu, pepeaa bɛfifiri,
na nnɛnkyɛnse ananmu, ohwam dua bɛfifiri.
Yei bɛyɛ deɛ ɛhyɛ Awurade animuonyam,
ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnneɛ,
a ɛrentwam da.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.