Yesaia 55:9
Isaiah 55:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na mʼakwan korɔn sene mo akwan, na mʼadwene nso korɔn sene mo adwene.
Isaiah 55:9 in English
Isaiah 55:9 · Berean Standard Bible
“For as the heavens are higher than the earth, so My ways are higher than your ways and My thoughts than your thoughts.
Context
7Ma omumuyɛfoɔ ntwe ne ho mfiri nʼakwan ho
na ɔbɔnefoɔ nso mfiri ne nsusuiɛ ho.
Ma ɔnnane nkɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛhunu no mmɔbɔ,
ɔnnane nkɔ yɛn Onyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no. 8“Na mʼadwene nnyɛ mo adwene,
na mo akwan nso nnyɛ mʼakwan,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 9“Sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no,
saa ara na mʼakwan korɔn sene mo akwan,
na mʼadwene nso korɔn sene mo adwene. 10Osuo ne sukyerɛmma
tɔ firi soro gu fam,
na ɛnsane nkɔ hɔ bio
gye sɛ afɔ asase
ama afifideɛ ɛgu nhwiren,
sɛdeɛ ɛbɛso aba ama ogufoɔ na aduane nso aba ama deɛ ɔdie. 11Saa ara na mʼasɛm a ɛfiri mʼanum teɛ:
Ɛrensane mma me nkyɛn kwa.
Mmom ɛbɛyɛ deɛ mepɛ
na awie botaeɛ a ɛno enti mesomaa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.