Native Bible

Isaiah 53:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ, na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ, nanso yɛbuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. Yebuu no sɛ Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no.

Isaiah 53:4 in English

Isaiah 53:4 · Berean Standard Bible

Surely He took on our infirmities and carried our sorrows;* yet we considered Him stricken by God, struck down and afflicted.

Context

2Ɔnyinii wɔ nʼanim te sɛ dua mono ketewa bi, te sɛ nhini a ɛfiri asase wesee mu. Ɔnni ahoɔfɛ anaa animuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn. Na biribiara nni ne ho ɛbɛma yɛn ani agye ne ho. 3Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no, Ɔwerɛhoni a ɔnim ɔyea. Yɛdanee yɛn ani a yɛanhwɛ no mpo; wɔbuu no animtiaa na yɛn nso, yɛammu no. 4Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ, na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ, nanso yɛbuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. Yebuu no sɛ Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no. 5Nanso, yɛn mmarato enti na wɔpiraa noɔ, yɛn amumuyɛ enti na wɔdwerɛɛ no; asotwe a ɛde asomdwoeɛ brɛɛ yɛn no daa no so, na nʼapirakuro mu na yɛnya ayaresa. 6Yɛn nyinaa ayera yera te sɛ nnwan, yɛn mu biara afa ne kwan; na Awurade de yɛn nyinaa amumuyɛ asoa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.