Native Bible

Isaiah 53:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛn nyinaa ayera yera te sɛ nnwan, yɛn mu biara afa ne kwan; na Awurade de yɛn nyinaa amumuyɛ asoa.

Isaiah 53:6 in English

Isaiah 53:6 · Berean Standard Bible

We all like sheep have gone astray,* each one has turned to his own way; and the LORD has laid upon Him the iniquity of us all.

Context

4Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ, na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ, nanso yɛbuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. Yebuu no sɛ Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no. 5Nanso, yɛn mmarato enti na wɔpiraa noɔ, yɛn amumuyɛ enti na wɔdwerɛɛ no; asotwe a ɛde asomdwoeɛ brɛɛ yɛn no daa no so, na nʼapirakuro mu na yɛnya ayaresa. 6Yɛn nyinaa ayera yera te sɛ nnwan, yɛn mu biara afa ne kwan; na Awurade de yɛn nyinaa amumuyɛ asoa. 7Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no aniɛyaa, nanso wammue nʼano; wɔde no kɔɔeɛ te sɛ odwammaa a wɔrekɔku no. Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no, saa ara na wammue nʼano. 8Wɔnam nhyɛsoɔ ne atemmuo so faa no kɔɔeɛ. Na hwan na ɔbɛtumi aka nʼasefoɔ ho asɛm? Ɛfiri sɛ wɔyii no firii asase yi so; me nkurɔfoɔ mmarato enti, wɔtwee nʼaso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.