Yesaia 53:7
Isaiah 53:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no aniɛyaa, nanso wammue nʼano; wɔde no kɔɔeɛ te sɛ odwammaa a wɔrekɔku no. Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no, saa ara na wammue nʼano.
Isaiah 53:7 in English
Isaiah 53:7 · Berean Standard Bible
He was oppressed and afflicted, yet He did not open His mouth. He was led like a lamb to the slaughter, and as a sheep before her shearers is silent, so He did not open His mouth.
Context
5Nanso, yɛn mmarato enti na wɔpiraa noɔ,
yɛn amumuyɛ enti na wɔdwerɛɛ no;
asotwe a ɛde asomdwoeɛ brɛɛ yɛn no daa no so,
na nʼapirakuro mu na yɛnya ayaresa. 6Yɛn nyinaa ayera yera te sɛ nnwan,
yɛn mu biara afa ne kwan;
na Awurade de yɛn nyinaa
amumuyɛ asoa. 7Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no aniɛyaa,
nanso wammue nʼano;
wɔde no kɔɔeɛ te sɛ odwammaa a wɔrekɔku no.
Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no,
saa ara na wammue nʼano. 8Wɔnam nhyɛsoɔ ne atemmuo so faa no kɔɔeɛ.
Na hwan na ɔbɛtumi aka nʼasefoɔ ho asɛm?
Ɛfiri sɛ wɔyii no firii asase yi so;
me nkurɔfoɔ mmarato enti, wɔtwee nʼaso. 9Wɔyɛɛ ne damena wɔ abɔnefoɔ mu,
na ne wuo mu, wɔde no too adefoɔ mu
ɛwom sɛ wanyɛ akakabensɛm biara,
na obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.