Yesaia 53:2
Isaiah 53:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔnyinii wɔ nʼanim te sɛ dua mono ketewa bi, te sɛ nhini a ɛfiri asase wesee mu. Ɔnni ahoɔfɛ anaa animuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn. Na biribiara nni ne ho ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.
Isaiah 53:2 in English
Isaiah 53:2 · Berean Standard Bible
He grew up before Him like a tender shoot, and like a root out of dry ground. He had no stately form or majesty to attract us, no beauty that we should desire Him.
Context
1Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie,
na Awurade abasa no, hwan so na ada adie? 2Ɔnyinii wɔ nʼanim te sɛ dua mono ketewa bi,
te sɛ nhini a ɛfiri asase wesee mu.
Ɔnni ahoɔfɛ anaa animuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn.
Na biribiara nni ne ho ɛbɛma yɛn ani agye ne ho. 3Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no,
Ɔwerɛhoni a ɔnim ɔyea.
Yɛdanee yɛn ani a yɛanhwɛ no mpo;
wɔbuu no animtiaa na yɛn nso, yɛammu no. 4Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ,
na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ,
nanso yɛbuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso.
Yebuu no sɛ Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.