Yesaia 53:1
Isaiah 53:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na Awurade abasa no, hwan so na ada adie?
Isaiah 53:1 in English
Isaiah 53:1 · Berean Standard Bible
Who has believed our message? And to whom has the arm of the LORD been revealed?*
Context
1Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie,
na Awurade abasa no, hwan so na ada adie? 2Ɔnyinii wɔ nʼanim te sɛ dua mono ketewa bi,
te sɛ nhini a ɛfiri asase wesee mu.
Ɔnni ahoɔfɛ anaa animuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn.
Na biribiara nni ne ho ɛbɛma yɛn ani agye ne ho. 3Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no,
Ɔwerɛhoni a ɔnim ɔyea.
Yɛdanee yɛn ani a yɛanhwɛ no mpo;
wɔbuu no animtiaa na yɛn nso, yɛammu no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.