Native Bible

Isaiah 52:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye team. Sɛ Awurade sane ba Sion a, wɔde wɔn ani bɛhunu.

Isaiah 52:8 in English

Isaiah 52:8 · Berean Standard Bible

Listen! Your watchmen lift up their voices, together they shout for joy. For every eye will see when the LORD returns to Zion.

Context

6Enti me nkurɔfoɔ bɛhunu me din; enti ɛda no wɔbɛhunu sɛ ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm. Aane, ɛyɛ me.” 7Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔde asɛmpa no reba no anammɔn yɛ fɛ wɔ mmepɔ no so, wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm, wɔn a wɔde nsɛmmɔdɛ ba, wɔn a wɔpae mu ka nkwagyeɛ ho asɛm na wɔka kyerɛ Sion sɛ, “Mo Onyankopɔn di ɔhene.” 8Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye team. Sɛ Awurade sane ba Sion a, wɔde wɔn ani bɛhunu. 9Mommɔ mu nto anigye nnwom, mo Yerusalem mmubuiɛ, ɛfiri sɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfoɔ werɛ; wagye Yerusalem. 10Awurade bɛyi ne basa kronkron no ho wɔ amanaman nyinaa anim na asase ano nyinaa bɛhunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.