Yesaia 52:9
Isaiah 52:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mommɔ mu nto anigye nnwom, mo Yerusalem mmubuiɛ, ɛfiri sɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfoɔ werɛ; wagye Yerusalem.
Isaiah 52:9 in English
Isaiah 52:9 · Berean Standard Bible
Break forth in joy, sing together, O ruins of Jerusalem, for the LORD has comforted His people; He has redeemed Jerusalem.
Context
7Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔde asɛmpa no reba no
anammɔn yɛ fɛ wɔ mmepɔ no so,
wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm,
wɔn a wɔde nsɛmmɔdɛ ba,
wɔn a wɔpae mu ka nkwagyeɛ ho asɛm
na wɔka kyerɛ Sion sɛ,
“Mo Onyankopɔn di ɔhene.” 8Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so;
wɔbɔ mu de anigye team.
Sɛ Awurade sane ba Sion a,
wɔde wɔn ani bɛhunu. 9Mommɔ mu nto anigye nnwom,
mo Yerusalem mmubuiɛ,
ɛfiri sɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfoɔ werɛ;
wagye Yerusalem. 10Awurade bɛyi ne basa kronkron no ho
wɔ amanaman nyinaa anim
na asase ano nyinaa bɛhunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ. 11Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ!
Mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ.
Mommfiri ho na mo ho nte,
mo a mokurakura Awurade nkuruwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.