Native Bible

Isaiah 52:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade bɛyi ne basa kronkron no ho wɔ amanaman nyinaa anim na asase ano nyinaa bɛhunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.

Isaiah 52:10 in English

Isaiah 52:10 · Berean Standard Bible

The LORD has bared His holy arm in the sight of all the nations; all the ends of the earth will see the salvation of our God.

Context

8Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye team. Sɛ Awurade sane ba Sion a, wɔde wɔn ani bɛhunu. 9Mommɔ mu nto anigye nnwom, mo Yerusalem mmubuiɛ, ɛfiri sɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfoɔ werɛ; wagye Yerusalem. 10Awurade bɛyi ne basa kronkron no ho wɔ amanaman nyinaa anim na asase ano nyinaa bɛhunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ. 11Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ! Mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ. Mommfiri ho na mo ho nte, mo a mokurakura Awurade nkuruwa. 12Monntutu mmirika mfiri ha anaa monnwane; ɛfiri sɛ Awurade bɛdi mo anim, Israel Onyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.