Native Bible

Isaiah 51:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Montie me, me nkurɔfoɔ; monyɛ aso mma me, me ɔman: Mmara no bɛfiri me nkyɛn akɔ; na mʼatɛntenenee bɛyɛ hann ama aman no.

Isaiah 51:4 in English

Isaiah 51:4 · Berean Standard Bible

Pay attention to Me, My people, and listen to Me, My nation; for a law will go out from Me, and My justice will become a light to the nations; I will bring it about quickly.

Context

2Monhwɛ Abraham mo agya, ne Sara a ɔwoo mo no. Ɛberɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofoɔ, na mehyiraa no maa nʼase trɛeɛ. 3Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara na ne yam bɛhyehye no wɔ ne mmubuiɛ no ho; ɔbɛyɛ nʼanweatam ahodoɔ sɛ Eden, nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo. Wɔbɛhunu anigyeɛ ne ahosɛpɛ, aseda ne nnwontoɔ wɔ ne mu. 4“Montie me, me nkurɔfoɔ; monyɛ aso mma me, me ɔman: Mmara no bɛfiri me nkyɛn akɔ; na mʼatɛntenenee bɛyɛ hann ama aman no. 5Me tenenee reba ntɛm so, me nkwagyeɛ nam ɛkwan so, na mʼabasa de atɛntenenee bɛbrɛ aman no. Nsupɔ no bɛhwehwɛ me na wɔde anidasoɔ bɛtwɛn mʼabasa. 6Mompagya mo ani nhwɛ ɔsorosoro, monhwɛ asase wɔ fam; ɔsorosoro bɛtu ayera sɛ wisie na asase bɛtete sɛ atadeɛ na wɔn a wɔte so bɛwuwu sɛ nwansena. Nanso me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, me tenenee to rentwa da.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.