Yesaia 51:2
Isaiah 51:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monhwɛ Abraham mo agya, ne Sara a ɔwoo mo no. Ɛberɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofoɔ, na mehyiraa no maa nʼase trɛeɛ.
Isaiah 51:2 in English
Isaiah 51:2 · Berean Standard Bible
Look to Abraham your father, and to Sarah who gave you birth. When I called him, he was but one; then I blessed him and multiplied him.
Context
1“Montie me, mo a mopɛ tenenee akyiri kwan;
na mohwehwɛ Awurade;
Monhwɛ ɔbotan a wɔtwaa mo firii mu no
ne abopaebea a wɔtuu mo firii hɔ no; 2Monhwɛ Abraham mo agya,
ne Sara a ɔwoo mo no.
Ɛberɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofoɔ,
na mehyiraa no maa nʼase trɛeɛ. 3Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara
na ne yam bɛhyehye no wɔ ne mmubuiɛ no ho;
ɔbɛyɛ nʼanweatam ahodoɔ sɛ Eden,
nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo.
Wɔbɛhunu anigyeɛ ne ahosɛpɛ,
aseda ne nnwontoɔ wɔ ne mu. 4“Montie me, me nkurɔfoɔ;
monyɛ aso mma me, me ɔman:
Mmara no bɛfiri me nkyɛn akɔ;
na mʼatɛntenenee bɛyɛ hann ama aman no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.