Yesaia 50:4
Isaiah 50:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den. Ɔnyane me anɔpa biara, na ɔbue mʼaso ma metie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.
Isaiah 50:4 in English
Isaiah 50:4 · Berean Standard Bible
The Lord GOD has given Me the tongue of discipleship, to sustain the weary with a word. He awakens Me morning by morning; He awakens My ear to listen as a disciple.
Context
2Mebaeɛ no, adɛn enti na na obiara nni hɔ?
Mefrɛeɛ no, adɛn enti na obiara annye soɔ?
Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ɛbɛgye wo anaa?
Menni ahoɔden a mede bɛgye wo anaa?
Mede mʼanimka kakra bi ma ɛpo mu nsuo we,
medane nsubɔntene anweatam
emu mpataa porɔ ɛsiane nsuo a wɔnnya enti
na osukɔm kumm wɔn. 3Mede esum fira ɔsoro
na mema ayitoma yɛ ne nkataho.” 4Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma
sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den.
Ɔnyane me anɔpa biara,
na ɔbue mʼaso ma metie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ. 5Otumfoɔ Awurade abue mʼaso
na menyɛɛ otuatefoɔ;
na mensanee mʼakyi. 6Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me,
na mede mʼafono maa wɔn a wɔtutu mʼabɔgyesɛ.
Mamfa mʼanim ansie wɔn
fɛdie ne ntasuteɛ ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.