Native Bible

Isaiah 50:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mebaeɛ no, adɛn enti na na obiara nni hɔ? Mefrɛeɛ no, adɛn enti na obiara annye soɔ? Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ɛbɛgye wo anaa? Menni ahoɔden a mede bɛgye wo anaa? Mede mʼanimka kakra bi ma ɛpo mu nsuo we, medane nsubɔntene anweatam emu mpataa porɔ ɛsiane nsuo a wɔnnya enti na osukɔm kumm wɔn.

Isaiah 50:2 in English

Isaiah 50:2 · Berean Standard Bible

Why was no one there when I arrived? Why did no one answer when I called? Is My hand too short to redeem you? Or do I lack the strength to deliver you? Behold, My rebuke dries up the sea; I turn the rivers into a desert; the fish rot for lack of water and die of thirst.

Context

1Sei na Awurade seɛ: “Wo maame awaregyaeɛ ho adansedie nwoma a megyinaa so gyaa no ɛkwan no wɔ he? Anaa sɛ mʼadefirifoɔ mu hwan na metɔn wo maa noɔ? Wo bɔne enti na wɔtɔn wo; Wʼamumuyɛ enti na wɔpamoo wo maame. 2Mebaeɛ no, adɛn enti na na obiara nni hɔ? Mefrɛeɛ no, adɛn enti na obiara annye soɔ? Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ɛbɛgye wo anaa? Menni ahoɔden a mede bɛgye wo anaa? Mede mʼanimka kakra bi ma ɛpo mu nsuo we, medane nsubɔntene anweatam emu mpataa porɔ ɛsiane nsuo a wɔnnya enti na osukɔm kumm wɔn. 3Mede esum fira ɔsoro na mema ayitoma yɛ ne nkataho.” 4Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den. Ɔnyane me anɔpa biara, na ɔbue mʼaso ma metie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.