Yesaia 5:1
Isaiah 5:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛto dwom ama me dɔfo ɛdwom a ɛfa ne bobe turo ho: Na me dɔfo wɔ bobe turo bi wɔ asasebereɛ bi a ɛda bepɔ ani.
Isaiah 5:1 in English
Isaiah 5:1 · Berean Standard Bible
I will sing for my beloved a song of his vineyard: My beloved had a vineyard on a very fertile hill.
Context
1Mɛto dwom ama me dɔfo
ɛdwom a ɛfa ne bobe turo ho:
Na me dɔfo wɔ bobe turo bi
wɔ asasebereɛ bi a ɛda bepɔ ani. 2Ɔfuntum asase no yiyii mu aboɔ,
na ɔduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so.
Ɔsii ɔwɛn aban wɔ mfimfini
na ɔtuu nsakyimena nso.
Afei, ɔhwɛɛ anim sɛ ɔbɛtwa bobe aba pa,
nanso ɛsoo aba bɔne. 3“Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,
mommu me ne me bobe turo ntam atɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.