Native Bible

Isaiah 5:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima, mommu me ne me bobe turo ntam atɛn.

Isaiah 5:3 in English

Isaiah 5:3 · Berean Standard Bible

“And now, O dwellers of Jerusalem and men of Judah, I exhort you to judge between Me and My vineyard.

Context

1Mɛto dwom ama me dɔfo ɛdwom a ɛfa ne bobe turo ho: Na me dɔfo wɔ bobe turo bi wɔ asasebereɛ bi a ɛda bepɔ ani. 2Ɔfuntum asase no yiyii mu aboɔ, na ɔduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so. Ɔsii ɔwɛn aban wɔ mfimfini na ɔtuu nsakyimena nso. Afei, ɔhwɛɛ anim sɛ ɔbɛtwa bobe aba pa, nanso ɛsoo aba bɔne. 3“Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima, mommu me ne me bobe turo ntam atɛn. 4Ɛdeɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobe turo boro deɛ mayɛ yi so? Ɛberɛ a merehwɛ anim sɛ menya bobe a ɛyɛ no adɛn enti na ɛsoo aba bɔne? 5Afei, mɛka deɛ merebɛyɛ me bobefuo no akyerɛ wo: Mɛyi ɛho ban no afiri hɔ, na wɔbɛsɛe no; mɛbubu ɛho fasuo, na wɔbɛtiatia so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.