Native Bible

Isaiah 48:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden. Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛ na mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

Isaiah 48:4 in English

Isaiah 48:4 · Berean Standard Bible

For I knew that you are stubborn; your neck is iron and your forehead is bronze.

Context

2mo a mofrɛ mo ho kuro kronkron no mma na mode mo ho to Israel Onyankopɔn so. Asafo Awurade ne ne din. 3Nneɛma a atwam no medii ɛkan kaeɛ, mebɔɔ nkaeɛ, na medaa no adi; afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu. 4Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden. Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛ na mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ. 5Enti, mekaa saa nneɛma yi kyerɛɛ mo dadaada. Ansa na ɛrebɛsisi no mebɔɔ mo nkaeɛ sɛdeɛ morentumi nka sɛ, ‘Mʼahoni na ɔyɛeɛ: me dua nsɛsodeɛ ne me dadeɛ nyame na ɔhyɛeɛ.’ 6Moate yeinom nyinaa; moahunu ne nyinaa. Morennye nto mu anaa? “Ɛfiri saa ɛberɛ yi de rekorɔ mɛka nneɛma foforɔ akyerɛ mo, nneɛma a ahinta a monnim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.