Native Bible

Isaiah 48:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

mo a mofrɛ mo ho kuro kronkron no mma na mode mo ho to Israel Onyankopɔn so. Asafo Awurade ne ne din.

Isaiah 48:2 in English

Isaiah 48:2 · Berean Standard Bible

who indeed call yourselves after the holy city and lean on the God of Israel; the LORD of Hosts is His name.

Context

1“Montie yei, Ao, Yakob fiefoɔ mo a wɔde Israel din frɛ mo, na moyɛ Yuda asefoɔ, mo a mobɔ Awurade din ka ntam, na mofrɛ Israel Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu; 2mo a mofrɛ mo ho kuro kronkron no mma na mode mo ho to Israel Onyankopɔn so. Asafo Awurade ne ne din. 3Nneɛma a atwam no medii ɛkan kaeɛ, mebɔɔ nkaeɛ, na medaa no adi; afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu. 4Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden. Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛ na mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.