Native Bible

Isaiah 48:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, mekaa saa nneɛma yi kyerɛɛ mo dadaada. Ansa na ɛrebɛsisi no mebɔɔ mo nkaeɛ sɛdeɛ morentumi nka sɛ, ‘Mʼahoni na ɔyɛeɛ: me dua nsɛsodeɛ ne me dadeɛ nyame na ɔhyɛeɛ.’

Isaiah 48:5 in English

Isaiah 48:5 · Berean Standard Bible

Therefore I declared it to you long ago; I announced it before it came to pass, so that you could not claim, ‘My idol has done this; my carved image and molten god has ordained it.’

Context

3Nneɛma a atwam no medii ɛkan kaeɛ, mebɔɔ nkaeɛ, na medaa no adi; afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu. 4Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden. Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛ na mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ. 5Enti, mekaa saa nneɛma yi kyerɛɛ mo dadaada. Ansa na ɛrebɛsisi no mebɔɔ mo nkaeɛ sɛdeɛ morentumi nka sɛ, ‘Mʼahoni na ɔyɛeɛ: me dua nsɛsodeɛ ne me dadeɛ nyame na ɔhyɛeɛ.’ 6Moate yeinom nyinaa; moahunu ne nyinaa. Morennye nto mu anaa? “Ɛfiri saa ɛberɛ yi de rekorɔ mɛka nneɛma foforɔ akyerɛ mo, nneɛma a ahinta a monnim. 7Afei na ɛreba koraa, ɛnkyɛreɛ; ɛbɛsi ɛnnɛ no, na anka montee ho hwee da. Enti morentumi nka sɛ, ‘Aane na menim dada!’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.