Native Bible

Isaiah 48:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Moate yeinom nyinaa; moahunu ne nyinaa. Morennye nto mu anaa? “Ɛfiri saa ɛberɛ yi de rekorɔ mɛka nneɛma foforɔ akyerɛ mo, nneɛma a ahinta a monnim.

Isaiah 48:6 in English

Isaiah 48:6 · Berean Standard Bible

You have heard these things; look at them all. Will you not acknowledge them? From now on I will tell you of new things, hidden things unknown to you.

Context

4Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden. Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛ na mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ. 5Enti, mekaa saa nneɛma yi kyerɛɛ mo dadaada. Ansa na ɛrebɛsisi no mebɔɔ mo nkaeɛ sɛdeɛ morentumi nka sɛ, ‘Mʼahoni na ɔyɛeɛ: me dua nsɛsodeɛ ne me dadeɛ nyame na ɔhyɛeɛ.’ 6Moate yeinom nyinaa; moahunu ne nyinaa. Morennye nto mu anaa? “Ɛfiri saa ɛberɛ yi de rekorɔ mɛka nneɛma foforɔ akyerɛ mo, nneɛma a ahinta a monnim. 7Afei na ɛreba koraa, ɛnkyɛreɛ; ɛbɛsi ɛnnɛ no, na anka montee ho hwee da. Enti morentumi nka sɛ, ‘Aane na menim dada!’ 8Wonteeɛ, na wontee aseɛ; ɛfiri tete nyinaa wʼaso asi. Na menim sɛ woyɛ ɔfatwafoɔ; wɔfrɛɛ wo otuatefoɔ firi yafunu mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.