Native Bible

Isaiah 48:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Tie me, Ao, Yakob, Israel a mafrɛ no; Me ne no; Me ne Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.

Isaiah 48:12 in English

Isaiah 48:12 · Berean Standard Bible

Listen to Me, O Jacob, and Israel, whom I have called: I am He; I am the first, and I am the last.

Context

10Hwɛ, mahoa mo ho, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔhoa dwetɛ ho; mmom, masɔ wo mahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu. 11Me enti, me enti, na meyɛ yei. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? Memma obi nnye mʼanimuonyam.” 12“Tie me, Ao, Yakob, Israel a mafrɛ no; Me ne no; Me ne Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ. 13Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛɛ ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre. 14“Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmɛtie: ahoni no mu deɛ ɔwɔ he na waka saa nneɛma yi dada? Awurade ɔboafoɔ a wapa no bɛma nʼatirimpɔ a ɛtia Babilonia aba mu; ne basa bɛtia Babiloniafoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.