Native Bible

Isaiah 48:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me enti, me enti, na meyɛ yei. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? Memma obi nnye mʼanimuonyam.”

Isaiah 48:11 in English

Isaiah 48:11 · Berean Standard Bible

For My own sake, My very own sake, I will act; for how can I let Myself be defamed? I will not yield My glory to another.

Context

9Medin enti metwentwɛne mʼabufuo so; mʼayɛyie enti meyi firii wo so, sɛdeɛ mentwa wo ntwene. 10Hwɛ, mahoa mo ho, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔhoa dwetɛ ho; mmom, masɔ wo mahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu. 11Me enti, me enti, na meyɛ yei. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? Memma obi nnye mʼanimuonyam.” 12“Tie me, Ao, Yakob, Israel a mafrɛ no; Me ne no; Me ne Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ. 13Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛɛ ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.