Yesaia 48:10
Isaiah 48:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ, mahoa mo ho, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔhoa dwetɛ ho; mmom, masɔ wo mahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.
Isaiah 48:10 in English
Isaiah 48:10 · Berean Standard Bible
See, I have refined you, but not as silver; I have tested you in the furnace of affliction.
Context
8Wonteeɛ, na wontee aseɛ;
ɛfiri tete nyinaa wʼaso asi.
Na menim sɛ woyɛ ɔfatwafoɔ;
wɔfrɛɛ wo otuatefoɔ firi yafunu mu. 9Medin enti metwentwɛne mʼabufuo so;
mʼayɛyie enti meyi firii wo so,
sɛdeɛ mentwa wo ntwene. 10Hwɛ, mahoa mo ho, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔhoa dwetɛ ho;
mmom, masɔ wo mahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu. 11Me enti, me enti, na meyɛ yei.
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din?
Memma obi nnye mʼanimuonyam.” 12“Tie me, Ao, Yakob,
Israel a mafrɛ no;
Me ne no;
Me ne Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.