Native Bible

Isaiah 46:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.

Isaiah 46:9 in English

Isaiah 46:9 · Berean Standard Bible

Remember what happened long ago, for I am God, and there is no other; I am God, and there is none like Me.

Context

7Wɔsoa no wɔ wɔn mmatire so, wɔde kɔsi nʼafa, na ɛka hɔ ara. Ɛrentumi mfiri faako a esie. Obi team frɛ no deɛ, nanso ɔmmua; ɛrentumi nyi no mfiri ne haw mu. 8“Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim, monnwene ho mo atuatefoɔ. 9Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me. 10Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ, ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ. Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina, na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa. 11Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam; afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma. Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu; deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.