Yesaia 46:11
Isaiah 46:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam; afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma. Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu; deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ.
Isaiah 46:11 in English
Isaiah 46:11 · Berean Standard Bible
I summon a bird of prey from the east, a man for My purpose from a far-off land. Truly I have spoken, and truly I will bring it to pass. I have planned it, and I will surely do it.
Context
9Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no;
Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ;
Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me. 10Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ,
ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ.
Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina,
na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa. 11Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam;
afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma.
Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu;
deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ. 12Montie me, mo a moyɛ akokoɔdurufoɔ,
mo a mo ne tenenee ntam ɛkwan ware; 13Mede me tenenee repinkyɛ,
ɛnni akyirikyiri;
na me nkwagyeɛ nso, ɛrenkyɛre.
Mɛma Sion nkwagyeɛ,
na mede mʼanimuonyam ama Israel.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.