Yesaia 46:8
Isaiah 46:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim, monnwene ho mo atuatefoɔ.
Isaiah 46:8 in English
Isaiah 46:8 · Berean Standard Bible
Remember this and be brave; take it to heart, you transgressors!
Context
6Ebinom hwie sikakɔkɔɔ firi wɔn mmɔtɔ mu
na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so;
wɔbɔ sika dwumfoɔ paa, ma ɔde yɛ onyame bi,
na wɔkoto sɔre no. 7Wɔsoa no wɔ wɔn mmatire so,
wɔde kɔsi nʼafa, na ɛka hɔ ara.
Ɛrentumi mfiri faako a esie.
Obi team frɛ no deɛ, nanso ɔmmua;
ɛrentumi nyi no mfiri ne haw mu. 8“Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim,
monnwene ho mo atuatefoɔ. 9Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no;
Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ;
Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me. 10Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ,
ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ.
Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina,
na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.