Native Bible

Isaiah 46:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ebinom hwie sikakɔkɔɔ firi wɔn mmɔtɔ mu na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so; wɔbɔ sika dwumfoɔ paa, ma ɔde yɛ onyame bi, na wɔkoto sɔre no.

Isaiah 46:6 in English

Isaiah 46:6 · Berean Standard Bible

They pour out their bags of gold and weigh out silver on scales; they hire a goldsmith to fashion it into a god, so they can bow down and worship.

Context

4Mpo kɔsi mo nkɔkoraa berɛ ne ɛberɛ a mobɛfu dwono mu, Me ne no, Me ne deɛ ɔbɛsɔ mo mu. Mabɔ mo na mɛturu mo; mɛwowa mo na mɛgye mo. 5“Hwan ho na mode me bɛto, anaa mobɛbu no me sɛso? Hwan na mode me bɛsusu no, na mode ayɛ mfatoho? 6Ebinom hwie sikakɔkɔɔ firi wɔn mmɔtɔ mu na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so; wɔbɔ sika dwumfoɔ paa, ma ɔde yɛ onyame bi, na wɔkoto sɔre no. 7Wɔsoa no wɔ wɔn mmatire so, wɔde kɔsi nʼafa, na ɛka hɔ ara. Ɛrentumi mfiri faako a esie. Obi team frɛ no deɛ, nanso ɔmmua; ɛrentumi nyi no mfiri ne haw mu. 8“Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim, monnwene ho mo atuatefoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.