Native Bible

Isaiah 44:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nsõ na ɔdie, nnaadaa akoma ma no yera kwan; ɔrentumi nye ne ho, anaa ɔrentumi nka sɛ, “Deɛ mekura wɔ me nsa nifa yi nnyɛ atorɔ anaa?”

Isaiah 44:20 in English

Isaiah 44:20 · Berean Standard Bible

He feeds on ashes. His deluded heart has led him astray, and he cannot deliver himself or say, “Is not this thing in my right hand a lie?”

Context

18Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase; wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ, wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase. 19Obiara nna nnwene ho, obiara nni nimdeɛ anaa nhunumu a ɔde bɛka sɛ, “Mede ɛfa sɔɔ ogya; na mpo metoo burodo wɔ ne gyaframa so; metotoo nam wɔ so weeɛ. Ɛsɛ sɛ mede nkaeɛ no yɛ akyiwadeɛ anaa? Ɛsɛ sɛ mekoto gyentia anaa?” 20Nsõ na ɔdie, nnaadaa akoma ma no yera kwan; ɔrentumi nye ne ho, anaa ɔrentumi nka sɛ, “Deɛ mekura wɔ me nsa nifa yi nnyɛ atorɔ anaa?” 21“Kae saa nneɛma yi, Ao, Yakob, ɛfiri sɛ, woyɛ me ɔsomfoɔ, Ao Israel. Me na meyɛɛ wo, woyɛ me ɔsomfoɔ; Ao Israel, me werɛ remfiri wo. 22Mapra wo mfomsoɔ agu te sɛ ɛbɔ ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosuo. Sane bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ magye wo.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.