Yesaia 44:22
Isaiah 44:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mapra wo mfomsoɔ agu te sɛ ɛbɔ ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosuo. Sane bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ magye wo.”
Isaiah 44:22 in English
Isaiah 44:22 · Berean Standard Bible
I have blotted out your transgressions like a cloud, and your sins like a mist. Return to Me, for I have redeemed you.
Context
20Nsõ na ɔdie, nnaadaa akoma ma no yera kwan;
ɔrentumi nye ne ho, anaa ɔrentumi nka sɛ,
“Deɛ mekura wɔ me nsa nifa yi nnyɛ atorɔ anaa?” 21“Kae saa nneɛma yi, Ao, Yakob,
ɛfiri sɛ, woyɛ me ɔsomfoɔ, Ao Israel.
Me na meyɛɛ wo, woyɛ me ɔsomfoɔ;
Ao Israel, me werɛ remfiri wo. 22Mapra wo mfomsoɔ agu te sɛ ɛbɔ
ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosuo.
Sane bra me nkyɛn,
ɛfiri sɛ magye wo.” 23Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro,
na Awurade na wayɛ yei.
Mommɔ ose, Ao, asase ase.
Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ,
mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa,
na Awurade agye Yakob,
wada nʼanimuonyam adi wɔ Israel. 24“Sei na Awurade seɛ,
wo Gyefoɔ a ɔnwonoo wo wɔ awotwaa mu no:
“Mene Awurade,
deɛ wayɛ nneɛma nyinaa,
deɛ ɔno nko ara trɛɛ ɔsoro mu
deɛ ɔno nko ara twee asase mu,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.