Native Bible

Isaiah 44:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro, na Awurade na wayɛ yei. Mommɔ ose, Ao, asase ase. Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ, mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, na Awurade agye Yakob, wada nʼanimuonyam adi wɔ Israel.

Isaiah 44:23 in English

Isaiah 44:23 · Berean Standard Bible

Sing for joy, O heavens, for the LORD has done this; shout aloud, O depths of the earth. Break forth in song, O mountains, you forests and all your trees. For the LORD has redeemed Jacob, and revealed His glory in Israel.

Context

21“Kae saa nneɛma yi, Ao, Yakob, ɛfiri sɛ, woyɛ me ɔsomfoɔ, Ao Israel. Me na meyɛɛ wo, woyɛ me ɔsomfoɔ; Ao Israel, me werɛ remfiri wo. 22Mapra wo mfomsoɔ agu te sɛ ɛbɔ ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosuo. Sane bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ magye wo.” 23Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro, na Awurade na wayɛ yei. Mommɔ ose, Ao, asase ase. Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ, mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, na Awurade agye Yakob, wada nʼanimuonyam adi wɔ Israel. 24“Sei na Awurade seɛ, wo Gyefoɔ a ɔnwonoo wo wɔ awotwaa mu no: “Mene Awurade, deɛ wayɛ nneɛma nyinaa, deɛ ɔno nko ara trɛɛ ɔsoro mu deɛ ɔno nko ara twee asase mu, 25deɛ ɔsɛe atorɔ adiyifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔtutu anyansafoɔ adenim guo na ɔdane no nkwaseasɛm,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.