Yesaia 44:18
Isaiah 44:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase; wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ, wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase.
Isaiah 44:18 in English
Isaiah 44:18 · Berean Standard Bible
They do not comprehend or discern, for He has shut their eyes so they cannot see and closed their minds so they cannot understand.
Context
16Ɔde dua no mu fa sɔ ogya;
ɛso na ɔnoa nʼaduane,
ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee.
Afei ɔka ne ho hye na ɔka sɛ,
Aa! Mahunu ogya; me ho ayɛ me hye. 17Nkaeɛ no ɔde yɛ onyame, ne honi;
ɔkoto no na ɔsɔre no.
Ɔbɔ no mpaeɛ sɛ,
“Gye me; wone me nyame.” 18Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase;
wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ,
wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase. 19Obiara nna nnwene ho,
obiara nni nimdeɛ anaa nhunumu a ɔde bɛka sɛ,
“Mede ɛfa sɔɔ ogya;
na mpo metoo burodo wɔ ne gyaframa so;
metotoo nam wɔ so weeɛ.
Ɛsɛ sɛ mede nkaeɛ no yɛ akyiwadeɛ anaa?
Ɛsɛ sɛ mekoto gyentia anaa?” 20Nsõ na ɔdie, nnaadaa akoma ma no yera kwan;
ɔrentumi nye ne ho, anaa ɔrentumi nka sɛ,
“Deɛ mekura wɔ me nsa nifa yi nnyɛ atorɔ anaa?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.