Yesaia 44:16
Isaiah 44:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔde dua no mu fa sɔ ogya; ɛso na ɔnoa nʼaduane, ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee. Afei ɔka ne ho hye na ɔka sɛ, Aa! Mahunu ogya; me ho ayɛ me hye.
Isaiah 44:16 in English
Isaiah 44:16 · Berean Standard Bible
He burns half of it in the fire, and he roasts meat on that half. He eats the roast and is satisfied. Indeed, he warms himself and says, “Ah! I am warm; I see the fire.”
Context
14Ɔtwitwaa ntweneduro,
anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔrɔ anaa odum.
Ɔmaa ɛnyiniiɛ wɔ kwaeɛ mu,
anaa ɔduaa pepeaa, na osutɔ ma ɛnyiniiɛ. 15Ɛyɛ deɛ onipa de sɔ ogya;
ɔde ebi ka ne ho hye,
ɔde bi sɔ ogya to burodo.
Nanso ɔde ebi sene onyame nso na ɔsɔre no;
ɔyɛ ohoni na ɔkoto no. 16Ɔde dua no mu fa sɔ ogya;
ɛso na ɔnoa nʼaduane,
ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee.
Afei ɔka ne ho hye na ɔka sɛ,
Aa! Mahunu ogya; me ho ayɛ me hye. 17Nkaeɛ no ɔde yɛ onyame, ne honi;
ɔkoto no na ɔsɔre no.
Ɔbɔ no mpaeɛ sɛ,
“Gye me; wone me nyame.” 18Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase;
wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ,
wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.