Native Bible

Isaiah 44:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛyɛ deɛ onipa de sɔ ogya; ɔde ebi ka ne ho hye, ɔde bi sɔ ogya to burodo. Nanso ɔde ebi sene onyame nso na ɔsɔre no; ɔyɛ ohoni na ɔkoto no.

Isaiah 44:15 in English

Isaiah 44:15 · Berean Standard Bible

It serves as fuel for man. He takes some of it to warm himself, and he kindles a fire and bakes his bread; he even fashions it into a god and worships it; he makes an idol and bows down to it.

Context

13Duadwumfoɔ de ahoma susu na ɔde twerɛdua sensane; na ɔde fitiɛ yiyi ho afei ɔde kɔmpase hyɛ no agyiraeɛ. Ɔsene na ɛyɛ sɛ onipa sɛso, ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanimuonyam nyinaa mu, sɛ wɔde bɛsi abosonnan mu. 14Ɔtwitwaa ntweneduro, anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔrɔ anaa odum. Ɔmaa ɛnyiniiɛ wɔ kwaeɛ mu, anaa ɔduaa pepeaa, na osutɔ ma ɛnyiniiɛ. 15Ɛyɛ deɛ onipa de sɔ ogya; ɔde ebi ka ne ho hye, ɔde bi sɔ ogya to burodo. Nanso ɔde ebi sene onyame nso na ɔsɔre no; ɔyɛ ohoni na ɔkoto no. 16Ɔde dua no mu fa sɔ ogya; ɛso na ɔnoa nʼaduane, ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee. Afei ɔka ne ho hye na ɔka sɛ, Aa! Mahunu ogya; me ho ayɛ me hye. 17Nkaeɛ no ɔde yɛ onyame, ne honi; ɔkoto no na ɔsɔre no. Ɔbɔ no mpaeɛ sɛ, “Gye me; wone me nyame.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.