Native Bible

Isaiah 44:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni, a ne ho mma no mfasoɔ biara?

Isaiah 44:10 in English

Isaiah 44:10 · Berean Standard Bible

Who fashions a god or casts an idol which profits him nothing?

Context

8Mommma mo ho mpopo, monnsuro. Mampae mu anka yei, manna no adi teteete anaa? Mone mʼadansefoɔ. Onyankopɔn foforɔ bi ka me ho anaa? Dabi, Ɔbotan foforɔ bi nni hɔ; mennim obiara.” 9Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee, na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ. Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira; wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee. 10Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni, a ne ho mma no mfasoɔ biara? 11Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim bɛgu ase; adwumfoɔ nyɛ hwee sɛ nnipa. Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina, ehu ne animguaseɛ na ɛbɛka wɔn. 12Ɔtomfoɔ fa nʼatondadeɛ ɔde hyehyɛ egyasramma mu; ɔde asaeɛ bobɔ so yɛ no ohoni, ɔde nʼabasamu ahoɔden mmorosoɔ na ɛyɛ; ɛkɔm de no na ɔyɛ mmrɛ; ɔnnom nsuo enti ɔtɔ baha.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.