Yesaia 44:9
Isaiah 44:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee, na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ. Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira; wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee.
Isaiah 44:9 in English
Isaiah 44:9 · Berean Standard Bible
All makers of idols are nothing, and the things they treasure are worthless. Their witnesses fail to see or comprehend, so they are put to shame.
Context
7Hwan na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka.
Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanim
deɛ asisi firi ɛberɛ a megyee me tete nkurɔfoɔ sii hɔ,
ne deɛ ɛrebɛba,
aane, ma ɔnhyɛ deɛ ɛreba ho nkɔm. 8Mommma mo ho mpopo, monnsuro.
Mampae mu anka yei, manna no adi teteete anaa?
Mone mʼadansefoɔ. Onyankopɔn foforɔ bi ka me ho anaa?
Dabi, Ɔbotan foforɔ bi nni hɔ; mennim obiara.” 9Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee,
na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ.
Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira;
wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee. 10Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni,
a ne ho mma no mfasoɔ biara? 11Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim bɛgu ase;
adwumfoɔ nyɛ hwee sɛ nnipa.
Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina,
ehu ne animguaseɛ na ɛbɛka wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.