Yesaia 44:11
Isaiah 44:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim bɛgu ase; adwumfoɔ nyɛ hwee sɛ nnipa. Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina, ehu ne animguaseɛ na ɛbɛka wɔn.
Isaiah 44:11 in English
Isaiah 44:11 · Berean Standard Bible
Behold, all his companions will be put to shame, for the craftsmen themselves are only human. Let them all assemble and take their stand; they will all be brought to terror and shame.
Context
9Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee,
na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ.
Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira;
wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee. 10Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni,
a ne ho mma no mfasoɔ biara? 11Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim bɛgu ase;
adwumfoɔ nyɛ hwee sɛ nnipa.
Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina,
ehu ne animguaseɛ na ɛbɛka wɔn. 12Ɔtomfoɔ fa nʼatondadeɛ
ɔde hyehyɛ egyasramma mu;
ɔde asaeɛ bobɔ so yɛ no ohoni,
ɔde nʼabasamu ahoɔden mmorosoɔ na ɛyɛ;
ɛkɔm de no na ɔyɛ mmrɛ;
ɔnnom nsuo enti ɔtɔ baha. 13Duadwumfoɔ de ahoma susu
na ɔde twerɛdua sensane;
na ɔde fitiɛ yiyi ho
afei ɔde kɔmpase hyɛ no agyiraeɛ.
Ɔsene na ɛyɛ sɛ onipa sɛso,
ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanimuonyam nyinaa mu,
sɛ wɔde bɛsi abosonnan mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.