Native Bible

Isaiah 40:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adɛn na woka sɛ, Ao Yakob, na wonwiinwii, Ao Israel sɛ, “Mʼakwan ahinta Awurade; na me Onyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?

Isaiah 40:27 in English

Isaiah 40:27 · Berean Standard Bible

Why do you say, O Jacob, and why do you assert, O Israel, “My way is hidden from the LORD, and my claim is ignored by my God”?

Context

25“Hwan ho na wode me bɛto? Anaasɛ hwan na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ɔseɛ. 26Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro: Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa? Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako, na ɔbɔ obiara din de frɛ no. Nʼahoɔden ne ne tumi enti wɔn mu baako mpo nnyeraeɛ. 27Adɛn na woka sɛ, Ao Yakob, na wonwiinwii, Ao Israel sɛ, “Mʼakwan ahinta Awurade; na me Onyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”? 28Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? Awurade yɛ daapem Onyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera, na ne nhunumu nni nhwehwɛmu. 29Ɔma deɛ watɔ bera ahoɔden deɛ wayɛ mmerɛ nso, ɔto nʼahoɔden so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.