Yesaia 40:25
Isaiah 40:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Hwan ho na wode me bɛto? Anaasɛ hwan na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ɔseɛ.
Isaiah 40:25 in English
Isaiah 40:25 · Berean Standard Bible
“To whom will you liken Me, or who is My equal?” asks the Holy One.
Context
23Ɔma ahenemma yɛ nnipa hunu
na ewiase yi sodifoɔ nso, ɔbrɛ wɔn ase. 24Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ,
wɔduaa wɔn ara pɛ,
wɔgyee nhini wɔ asase mu pɛ
ɔhome gu wɔn so ma wɔkusa,
na ntwahoframa bɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ. 25“Hwan ho na wode me bɛto?
Anaasɛ hwan na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ɔseɛ. 26Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro:
Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa?
Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako,
na ɔbɔ obiara din de frɛ no.
Nʼahoɔden ne ne tumi enti
wɔn mu baako mpo nnyeraeɛ. 27Adɛn na woka sɛ, Ao Yakob,
na wonwiinwii, Ao Israel sɛ,
“Mʼakwan ahinta Awurade;
na me Onyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.