Native Bible

Isaiah 40:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ, wɔduaa wɔn ara pɛ, wɔgyee nhini wɔ asase mu pɛ ɔhome gu wɔn so ma wɔkusa, na ntwahoframa bɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.

Isaiah 40:24 in English

Isaiah 40:24 · Berean Standard Bible

No sooner are they planted, no sooner are they sown, no sooner have their stems taken root in the ground, than He blows on them and they wither, and a whirlwind sweeps them away like stubble.

Context

22Ɔte ahennwa so wɔ asase kanko no atifi. Ɛso nnipa te sɛ ntutummɛ ɔtwe ɔsoro mu te sɛ ntwamutam, na ɔde yɛ ntomadan tena mu. 23Ɔma ahenemma yɛ nnipa hunu na ewiase yi sodifoɔ nso, ɔbrɛ wɔn ase. 24Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ, wɔduaa wɔn ara pɛ, wɔgyee nhini wɔ asase mu pɛ ɔhome gu wɔn so ma wɔkusa, na ntwahoframa bɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ. 25“Hwan ho na wode me bɛto? Anaasɛ hwan na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ɔseɛ. 26Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro: Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa? Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako, na ɔbɔ obiara din de frɛ no. Nʼahoɔden ne ne tumi enti wɔn mu baako mpo nnyeraeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.