Native Bible

Isaiah 40:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na wate Awurade ase, anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufoɔ?

Isaiah 40:13 in English

Isaiah 40:13 · Berean Standard Bible

Who has directed the Spirit of the LORD,* or informed Him as His counselor?*

Context

11Ɔhwɛ ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ. Ɔboa nnwammaa no wɔ nʼabasa so. Ɔturu wɔn ne koko so; na nnwan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo. 12Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsam anaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro? Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu, anaa wakari mmepɔ wɔ nsania so ne nkokoɔ wɔ nsania apampaa so? 13Hwan na wate Awurade ase, anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufoɔ? 14Hwan na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase, na hwan na ɔkyerɛɛ no ɛkwan pa no? Hwan na ɔmaa no nimdeɛ anaa ɔkyerɛɛ no nhunumu kwan? 15Ampa ara aman no te sɛ nsuo sope wɔ bokiti mu; wɔde wɔn toto mfuturo a ɛgu nsania so; ɔkari nsupɔ te sɛ deɛ ɛyɛ mfuturo muhumuhu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.