Native Bible

Isaiah 40:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhwɛ ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ. Ɔboa nnwammaa no wɔ nʼabasa so. Ɔturu wɔn ne koko so; na nnwan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.

Isaiah 40:11 in English

Isaiah 40:11 · Berean Standard Bible

He tends His flock like a shepherd; He gathers the lambs in His arms and carries them close to His heart. He gently leads the nursing ewes.

Context

9Wo a wode asɛm pa reba Sion, foro kɔ bepɔ tenten bi so. Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem, ma wo nne so na team, ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ, “Mo Onyankopɔn nie!” 10Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba, na nʼabasa bɛdi ɔhene ama no. Hwɛ, nʼakatua ka ne ho, na ɔde nʼabasobɔdeɛ nam. 11Ɔhwɛ ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ. Ɔboa nnwammaa no wɔ nʼabasa so. Ɔturu wɔn ne koko so; na nnwan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo. 12Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsam anaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro? Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu, anaa wakari mmepɔ wɔ nsania so ne nkokoɔ wɔ nsania apampaa so? 13Hwan na wate Awurade ase, anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufoɔ?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.