Yesaia 40:14
Isaiah 40:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwan na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase, na hwan na ɔkyerɛɛ no ɛkwan pa no? Hwan na ɔmaa no nimdeɛ anaa ɔkyerɛɛ no nhunumu kwan?
Isaiah 40:14 in English
Isaiah 40:14 · Berean Standard Bible
Whom did He consult to enlighten Him, and who taught Him the paths of justice? Who imparted knowledge to Him and showed Him the way of understanding?
Context
12Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsam
anaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro?
Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu,
anaa wakari mmepɔ wɔ nsania so
ne nkokoɔ wɔ nsania apampaa so? 13Hwan na wate Awurade ase,
anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufoɔ? 14Hwan na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase,
na hwan na ɔkyerɛɛ no ɛkwan pa no?
Hwan na ɔmaa no nimdeɛ
anaa ɔkyerɛɛ no nhunumu kwan? 15Ampa ara aman no te sɛ nsuo sope wɔ bokiti mu;
wɔde wɔn toto mfuturo a ɛgu nsania so;
ɔkari nsupɔ te sɛ deɛ ɛyɛ mfuturo muhumuhu. 16Lebanon nnɔɔso mma afɔrebukyia so ogya,
na ne mmoa renso mma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.