Yesaia 38:15
Isaiah 38:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɛdeɛn na mɛtumi aka? Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei. Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mu me kra ahoyera yi enti.
Isaiah 38:15 in English
Isaiah 38:15 · Berean Standard Bible
What can I say? He has spoken to me, and He Himself has done this. I will walk slowly all my years because of the anguish of my soul.
Context
13Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye,
nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata;
awia ne anadwo wotwaa me nkwa so. 14Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn;
metwaa adwo sɛ aborɔnoma a ɔredi awerɛhoɔ.
Mʼani yɛɛ siamoo ɛberɛ a mehwɛɛ soro.
Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!” 15Na ɛdeɛn na mɛtumi aka?
Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei.
Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mu
me kra ahoyera yi enti. 16Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa
na me honhom nso anya nkwa wɔ mu.
Wode mʼapɔmuden asane ama me.
Wonam so ama manya nkwa. 17Aane, ɛyɛ me yieyɛ enti
na mekɔɔ saa ahoyera yi mu.
Wo dɔ enti, wode me sieeɛ
na mankɔ ɔsɛe amena mu;
na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.